Jude

1Yesu Kristo somfo Yuda a ɔyɛ Yakobo ne nua na ɔkyerɛw krataa yi. De kɔmaa wɔn a Onyankopɔn afrɛ wɔn na wɔte Agya Onyankopɔn dɔ ne Yesu Kristo banbɔ mu.

2Mmɔborɔhunu ne ɔdɔ a ɛdɔɔso nka mo.

Atoro adiyifo

3Me nnamfonom, na merebɔ mmɔden akyerɛw mo afa nkwagye a yɛn nyinaa te mu no ho. Nanso ɛsɛ sɛ mekyerɛw mo wɔ asɛm foforo ho na moyere mo ho gyina nokware a Onyankopɔn de ama ne nkurɔfo afebɔɔ a ɛnsɛ sɛ wɔsesa mu nna nyinaa no akyi pintinn. 4Nnipa bi awiawia wɔn ho abɛfra yɛn mu, a wɔkyea asɛm a ɛfa yɛn Nyankopɔn adom no ho, yi wɔn ho ano wɔ wɔn bɔne ho, nam so po Yesu Kristo a ɔno nko ara na ɔyɛ Wura ne yɛn Awurade no. Kyerɛwsɛm no aka wɔn afobu a aba wɔn so no ho asɛm dedaw.

5Ɛwom sɛ munim eyinom dedaw, nanso mepɛ sɛ mekae mo adwene wɔ ogye a Awurade gyee Israelfo fii Misraim asase so na akyiri yi, ɔsɛee wɔn a na wonnye asɛm no nni no ho. 6Monkae abɔfo a na wɔtra wɔn tumi na wogyaw wɔn atenae no. Woguu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn wɔ sum kabii mu a Onyankopɔn de wɔn asie retwɛn da kɛse no na wabu wɔn atɛn. 7Monkae Sodom ne Gomora ne nkurow a na atwa wɔn ho ahyia no sɛ, na emu nnipa no yɛ aguamanfo, na wɔde wɔn agu ogya a ennum da no mu, de retwe wɔn aso de abɔ obiara kɔkɔ.

8Saa nnipa no nam saa kwan koro no ara so soso dae ma wɔyɛ bɔne tia wɔn nipadua. Wɔtew Onyankopɔn tumi atua, na wɔayaw anuonyamfo a wɔwɔ soro no. 9Ɔbɔfo panyin Mikael mpo nyɛɛ saa da. Bere a Mikael ne ɔbonsam repere Mose amu so a akasakasa sii wɔn ntam no mpo, wantew ɔbonsam atua, na mmom asɛm a ɔkae ara ne sɛ, “Awurade nka wʼanim.” 10Nanso saa nnipa yi tew nneɛma a wɔnte ase ho atua. Na nneɛma a wonim kwa sɛ nkekaboa no, saa nneɛma koro no ara na ɛsɛe wɔn.

11Wonnue! Ɔkwan a Kain faa so no ara so na wɔnam. Sikanibere nti, wɔde wɔn ho ahyɛ mfomso a Bileam yɛe no bi ase. Wɔayɛ dɔm sɛnea Kora yɛɛ dɔm no nam so ma wɔasɛe wɔn sɛ ɔno.

12Wɔte sɛ nkekae fi a ɛwɔ wo nua aduan a ɔne wo di mu a wɔmfɛre ho. Wɔn ani ku wɔn ara wɔn ho. Na wɔte sɛ omununkum a esi na mframa bɔ no nanso osu ntɔ. Wɔte sɛ nnua a ɛnsow aba asusow mu. Wɔte sɛ nnua a wɔatutu ne ntini ama awu koraa.

13Wɔte sɛ ɛpo asorɔkye a ano yɛ den a, wɔn aniwude a wɔyɛ no huru sɛ ahuru. Wɔte sɛ okyin nsoromma, a Onyankopɔn de wɔn asie esum kabii mu afebɔɔ.

14Henok, Adam aseni a ɔto no so asia na ɔhyɛɛ saa nnipa yi ho nkɔm teteete se, “Hwɛ, Awurade ne nʼabɔfo Kronkron mpempem bɛba, 15na wɔabebu mo nyinaa atɛn na wɔabu nnebɔneyɛfo nyinaa atɛn wɔ wɔn bɔne a wɔayɛ ne nsɛm a wɔaka atia Onyankopɔn no ho.” 16Bere biara, saa nnipa yi nwiinwii na wɔde so nso to afoforo so. Wodi wɔn akɔnnɔ akyi. Wɔhoahoa wɔn ho na wotu afoforo aso sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛba abedi wɔn akyi.

Kɔkɔbɔ

17Me nnamfonom, monkae. Monkae nsɛm a tete no asomafo no ka faa Awurade Yesu Krsito ho. 18Wɔkae se, “Sɛ awiei no du a, nnipa a wodi mo ho fɛw bɛba, wɔn a wodi wɔn akɔnnɔ akyi.” 19Eyinom ne nnipa a wɔnam wɔn akɔnnɔ so de mpaepaemu ba no. Na wonni Honhom no wɔ wɔn mu.

20Enti mo a moyɛ me nnamfonom, mitu mo fo sɛ, monkɔ so mmia mo gyidi mu. Mommɔ mpae wɔ Honhom Kronkron no tumi mu, 21na montena Onyankopɔn dɔ mu bere a moretwɛn yɛn Awurade Yesu Krsito wɔ nʼahummɔbɔ mu ama wama mo nkwa a enni awiei no.

22Munhu akyinnyegyefo mmɔbɔ. 23Montwe wɔn mfi ogya mu nnye wɔn nkwa. Momfa suro nhu ebinom mmɔbɔ, na munkyi atade a bɔne nkekae akeka mu.

24Na nea obetumi aso mo mu na moanhintiw, na ɔde mo asi nʼanuonyam anim sɛ nnipa a wonni dɛm wɔ ahosan mu no, 25Onyankopɔn koro a ɔnam yɛn Awurade Yesu Kristo so yɛ yɛn Agyenkwa no, ɔno na anuonyam ne kɛseyɛ ne ahoɔden ne tumi nka no mmere a atwam ne nnɛ ne daa nyinaa. Amen.

Copyright information for TwiNAK